Psalms 138

Dawid de.


1 Awurade, mede me koma nyinaa ayi wo ayɛ;
mɛto wʼayeyi dwom wɔ “anyame” no anim.

2 Mede mʼani bɛkyerɛ wʼasɔredan kronkron no, akotow wo
na makamfo wo din
wɔ wʼadɔe a enni huammɔ ne wo nokwaredi nti,
efisɛ woama wʼahyɛde no so yiye;
ama asen wo titiriwyɛ.

3 Bere a misu frɛɛ wo no, wugyee me so;
woma minyaa akokoduru ne nnamyɛ.


4 Awurade, sɛ ahemfo a wɔwɔ wiase nyinaa te nea woahyɛ no a,
ma wɔnkamfo wo.

5 Ma wɔnto Awurade akwan ho nnwom,
na Awurade anuonyam yɛ kɛse.


6 Ɛwɔ mu sɛ Awurade wɔ ɔsorosoro de, nanso ɔhwɛ mmɔborɔfo,
na ahantanfo de, ohu wɔn wɔ akyirikyiri.

7 Ɛwɔ mu sɛ menam ɔhaw mu de,
nanso wobɔ me nkwa ho ban;
woteɛ wo nsa wɔ mʼatamfo abufuw so,
na wode wo nsa nifa gye me nkwa.

Awurade bɛma nea wahyehyɛ ama me no aba mu;
Awurade, wʼadɔe wɔ hɔ daa,
nnyaa wo nsa ano nnwuma akyidi.

Wɔde ma dwonkyerɛfo.

8
Copyright information for TwiAKNA